Micah 1

1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika
Mika nkyerɛase ne “Hena na ɔte sɛ Awurade,” a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho: Saa nkuropɔn abien yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmu a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman abien no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.
bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.


2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,
muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.
Otumfo Awurade redi adanse atia mo,
ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem


3 Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;
ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Mmepɔw nan wɔ nʼase,
aku mu paapae
te sɛ ama a aka ogya,
te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

5 Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,
ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.
Yakob nnebɔne ne dɛn?
Ɛnyɛ Samaria ana?
Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
Ɛnyɛ Yerusalem ana?


6 “Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.
Mehwie nʼabo agu obon mu
ama ne fapem ho ada hɔ.

7 Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;
wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.
Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.
Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,
onya fii nguamanfo akatua mu no nti
wɔde bɛma nguamanfo.”

Osu Ne Awerɛhow


8 Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;
mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.
Mɛworo so sɛ odompo
na masu sɛ patu.

9 Nʼapirakuru no wu ayɛ den;
abedu Yuda.
Abedu me nkurɔfo pon ano
mpo adu Yerusalem ankasa.

10 Monnka no wɔ Gat
munnsu koraa
Mo a mowɔ Bet-Leafra de,
monyantam mfutuma mu.

11 Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,
mo a mote Safir.
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.
Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;
efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.

12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu
de twɛn mmoa,
efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba
abedu Yerusalem pon ano.

13 Mo a mote Lakis,
munsiesie nteaseɛnam no.
Mone bɔne farebae
ma Ɔbabea Sion,
na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,
Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

15 Mede nkonimdifo bɛtoa mo;
mo a mote Maresa.
Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no
bɛba Adulam.

16 Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;
mommɔ tikwaw te sɛ opete,
efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn
akɔ nnommum mu.
Copyright information for TwiAKNA